Akanweb
Saturday, 18 June 2016
Shatta, Stonebwoy, Sark wɔ Nigeria abɔdinbɔ so
Nigeria Entertainment awards eyi Ghana nyomtofuɔ miensa sɛ yɛn to ɔmoso aba ɛwɔ abɔdin dwumadie bi aa ɛbɛbaso wɔ Amerika man mu.
Stonebwoy, Sarkodie, Shata Wale ɛna Bisa Kdei bɛ pri Africa Male Artist abɔdin.
Efya ɛna Mzvee nso bɛ pri Africa Female Artist abɔdin.
Ghana siniyi fuɔ nso nyaa 'nominations' sɛneɛ Brofo bɛkano. Efri Majid Michel, Abraham Atta, Chris Attoh, Yvonne Okoro ɛna ɔnom afɛ fuɔ nso nyaa nominations.
Aban etua secondary school edwane sika
Ghana aban etua sika GH₵44.9m ama secondary school ɛfa edwane sika ma nkwadaa.
Esan sɛ aban entua saa sika no nti, nkwadaa no enkanka ɛwɔ etifi mantem kɔ tenaa fie emrɛ kakraa ni.
Ni saa enti no, sika no mu GH₵35 bɛ kɔ North, Upper East na Upper West mantem. Nkayɛ no bɛ kɔ ama ɔmua aban tua ɔmo adesua (scholarship)
Mmabunu aa ɔmo wɔ etifi mantem yɛɛ ɔmo adwen sɛɛ ɔmo bɛyɛ yɛtserɛ etia aban esan eka aa enam so maa nkwadaa no kɔ tinaa fie.
Asamoah Gyan ɛnyɛ NPP kuo ba
Agyemang Badu esi no pi sɛɛ Black Stars captain Asamoah Gyan ɛnyɛ NPP amanyɔ kuo nii ba.
Brɛ kakraa ekyi, Montie FM kaasɛɛ Gyan taa Nana Addo akyi, enkosi ɔdi ni sika ɛɛbua ekuo no.
Agyemang Badu sii, Gyan yɛ bɔɔlo bɔni ɔnyɛ amanyɔkuo nii. Ɔtwaa so sɛɛ Ghana fuɔ ɛntaa nekyi wɔ nedwuma diee mu.
Odii nsɛm tswerɛ nii no ho yaw ni nsɛm aa ɔka too Gyan so.
UN ɛnfua IGP 'social media' ban so
Amansan kuo batan (United Nations) nfua Ghana Police panyin IGP Kudalor adwen tserɛ sɛɛ obesi 'social media' ano abatuoɔ brɛ.
Kudalor, mmrɛ kakraa ni kaasɛɛ esan ɔhaw aa social media (ɛyɛ titre whatsapp, twitter, na facebook) ɛma banbɔ dwuma fuoɔ no, adekyeyɛ ni abatuoɔ da (November 6,7) wonom be timi esi social media ano.
Nanso owura Mohammed Ibn Chambas aa ɔyɛ adwuma ma UN tserɛ aa, UN ni IGP nnyɛ adwen esan sɛɛ, sɛ osi social media ano aa, ootia amanfuoɔ faahudie so.
Amanfuoɔ ni kuokuo duduɔ no akasa etia IGP anisoade hunu.
Friday, 17 June 2016
Ɔmanpanyin a ma banbɔ nhyihyɛyɛ foforo
Ɔmanpanyin Mahama atswerɛ krataa akɔma Mmrahyɛ bedwa panyin Doe Adjaho sɛɛ efiri nnɛ rekɔ, babnbɔ dwuma nyinaa shɛ osuafuoɔ aa ɔhwɛ fie nsɛm so. Ɛyɛ owura Prosper Bani (Minister of Interior)
Ni saa nti no, ekuo bi tisɛɛ 'National Security Agency,' 'the Economic and Organized Crimes Office (EOCO)' and the 'Financial Intelligence Center (FIC)' nyinaa wɔ Interior Ministry asuɛyɛ.
Ansaana saa nhyehyɛ yɛ yi no, na Polisi, Soja, Prisan, Ceps ɛna immigration na ɛwo Interior asi.
Esan nansei al Qaeda fuoɔ ekumkum ekunkum aa wo nom di nam yɛ mantem no, aban ahyɛ ni sapɔ mu nsuo na ontumi ɛnsi saa niɛma saa ho kwan.
Kyerɛ wa dwen.
Owura Arthur K 'tu kyɛ' ma nsɛn tswerɔrɛfuor mienu
Owura Dr. Arthur Kobina Kennedy sɛ nsɛm tswerɛfuoɔ mienu bi sɛ abodin papa esan dwuma pa aa wonom edi ɛnna kakraa a abɛ sin kɔ.
Edikan no, ɔsii Adom Fm Captain Smart yɛɛ aduma pa faa Komenda Sitsire factory ho nsɛnsɛm aa ɛbɛyɛɛ dede nna kakraa bi ekyi.
Ɔsan sii, Joy Fm Manasseh Azure nso sɛ abodin ɛfa kwan aa ɔfaaso enyaa kasiɛbo efa ɔmanpanyin ɛhyɛn akyɛdeɛ bi aa Burkina contractor bi ɛmaa no.
Esan sɛɛ, nsɛn tswerɛfuoɔ bi eegu edwuma no animguaasi no, wonom aa ɛɛbɔ womo ho modin nso sɛ ayɛyiee, saa na Owura Arthur K ɛsiɛɛ.
Ahwahwasɛn ni sɛɛ, ɔmo miwnu nyinaa yɛ adwuma ma Multimedia adwumakuo no.
Kyerɛ wadwen
Na wonso, nsɛm twerɛ nii bɛn na wo susu sɛɛ wonom fata abodin papa?
Na wonso, nsɛm twerɛ nii bɛn na wo susu sɛɛ wonom fata abodin papa?
Subscribe to:
Comments (Atom)






